Pular para o conteúdo
Publicidade

Nnwom 114

1 Bere a Israelfo fii Misraim,

na Yakobfifo fii ananafo asase so no,

2 Yuda bɛyɛɛ Awurade kronkronbea

na Israel bɛyɛɛ nʼaheman.

3 Po no hwɛe, na eguanee,

Yordan san nʼakyi;

4 Mmepɔw huruhuruwii adwennini,

nkoko nso huruhuruwii nguantenmma.

5 Dɛn na ɛbae, ɛpo, na wuguanee?

Yordan, adɛn, na wosan wʼakyi?

6 Mmepɔw, adɛn, na muhuruhuruw adwennini,

na mo nkoko, muhuruhuruw nguantenmma yi?

7 Asase, ma wo ho mpopo Awurade anim,

Yakob Nyankopɔn anim,

8 ɔno na ɔmaa ɔbotan no dan asubura,

na ɔbotan dennen dan nsuwa aniwa no.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também