Pular para o conteúdo
Publicidade

Nnwom 58

Dawid "miktam" dwom.

1 So mo asodifo, ampa ara , moka asɛm a ɛteɛ ana?

Mubu atɛntrenee nnipa mu ana?

2 Dabi da! Modwene ntɛnkyew mo koma mu

na mo nsa de akakabensɛm ba asase so.

3 Amumɔyɛfo fom kwan fi awo mu;

wɔyɛ mmaratofo fi awotwaa mu na wodi atoro.

4 Wɔn ano bɔre te ɔwɔ de,

ɛte ɔprammiri a wawɛn nʼaso,

5 a ɔnte ntafowayifo dwom,

na ne dwom dɛdɛ no mpo mfa ne ho.

6 Ao Onyankopɔn, bubu ɛse a egu wɔn anom,

Awurade, tutu gyata no sebɔmmɔfo no gu!

7 Ma wontwa mu nkɔ sunsuan;

wɔtwe wɔn agyan a, ma wɔn bɛmma no ano nwu.

8 Ma wɔnyɛ nwaw horɔdɔhorɔdɔ bi a ɔrenan agu bere a ɔretene no.

Ma wɔnyɛ ɔba a owu awoe a onhu owia koraa.

9 Ansa na mo nkuku bɛte nsɔe ano yaw,

ɛyɛ amono anaa awo no, wɔbɛpra amumɔyɛfo akɔ.

10 wɔtɔ were ma atreneefo a wɔn ani begye,

na wɔbɛhohoro wɔn anan ho amumɔyɛfo mogya mu.

11 Afei nnipa bɛka se, "Ampa ara atreneefo so nya wɔn akatua;

na ampa ara Onyankopɔn bi a obu wiase atɛn."

Wɔde ma dwonkyerɛfo.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também