Pular para o conteúdo
Publicidade

Nnwom 137

1 Babilonia nsubɔnten ho, ɛhɔ na yɛtena suu

bere a yɛkaee Sion no.

2 Ɛhɔ konkɔn so nnua mu

na yɛde yɛn asanku sensɛnee,

3 ɛhɔ na yɛn nnommumfafo kaa se yɛnto nnwom,

yɛn ahohiafo hwehwɛɛ anigye nnwom fii yɛn nkyɛn;

wɔkae se, "Monto Sion nnwom baako nkyerɛ yɛn!"

4 Ɛbɛyɛ dɛn na yɛatumi ato Awurade nnwom,

bere a yɛwɔ ananafo asase so?

5 Yerusalem, me werɛ fi wo a

ma me nsa nifa werɛ mfi sankubɔ.

6 mankae wo a,

ma me tɛkrɛma nka ntare mʼanom

mamfa Yerusalem

mʼanigyede kɛse pa ara a.

7 Kae, Awurade, nea Edomfo yɛɛ

da a Yerusalem hwee ase no.

Wɔteɛɛ mu se, "Munnwiriw,

munnwiriw ngu fam nkɔka ne fapem!"

8 Ɔbabea Babilonia, wɔadome wo akɔ ɔsɛe mu,

nea otua wo ka bio ani gye

nea wode ayɛ yɛn no ho.

9 Nea ɔkyere wo nkokoaa

de wɔn dwiradwira abotan no ani gye.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também