Pular para o conteúdo
Publicidade

Nnwom 43

1 Me Nyankopɔn, bu me bem,

na ka mʼasɛm a etia ɔman a wonsuro wo no ma me;

gye me fi nnaadaafo ne amumɔyɛfo nsam.

2 Woyɛ Onyankopɔn, mʼabandennen.

Adɛn nti na woapo me?

Adɛn nti na ɛsɛ menantenantew twa adwo

mʼatamfo nhyɛso nti?

3 Soma wo hann ne wo nokware

ma wɔnkyerɛ me kwan;

ma wɔmfa me mmra wo Bepɔw Kronkron no so,

faako a wote no.

4 Afei, mɛkɔ Onyankopɔn afɔremuka anim,

mʼanigye ne mʼahosɛpɛw Nyankopɔn nkyɛn.

Mede sanku beyi wo ayɛ,

Onyankopɔn, me Nyankopɔn.

5 Me kra, adɛn, na woabotow?

Adɛn na woayɛ basaa me mu saa?

Fa wo ho to Onyankopɔn so,

na mɛkɔ so ayi no ayɛ,

mʼAgyenkwa ne me Nyankopɔn.

Dwom a wɔde ma dwonkyerɛfo.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também