Pular para o conteúdo
Publicidade

Salmos 36

Awurade somfo Dawid dwom.

1 Nkɔmhyɛ bi me koma mu a efi Onyankopɔn

a ɛfa omumɔyɛfo mmarato ho.

Onyankopɔn suro nni wɔn ani so.

2 Na ɔno ankasa ani so no ɔdaadaa no ho dodo,

nti ɛmma onhu ne bɔne nnyae .

3 Nʼanom nsɛm atirimɔden ne nnaadaa;

onnim nyansa bio na wayɛ papa.

4 Ɔda ne mpa so mpo a ɔbɔ pɔw bɔne;

na ogyaa ne ho ma bɔne kwan

na ɔmpo nea enye.

5 Awurade, wʼadɔe du ɔsorosoro

wo nokwaredi du wim tɔnn.

6 Wo trenee te mmepɔw akɛse.

Wʼatɛntrenee mu po bun.

Ao Awurade, wokora nnipa ne mmoa nyinaa so.

7 Wʼadɔe a ɛnsa da no som bo!

Nnipa mu akɛse ne nketewa

nya guankɔbea wo ntaban nwini ase.

8 Wodi nea abu so wo fi,

woma wɔnom fi wʼanika asuten no mu.

9 Wo nkyɛn na nkwa asuti ;

wo hann mu na yehu hann.

10 so wɔn a wonim wo,

ma wo trenee ntena wɔn a wɔteɛ, koma mu.

11 Mma ɔhantanni nan ntia me

anaa omumɔyɛfo nsa nnsunsum me.

12 Hwɛ sɛnea nnebɔneyɛfo ahwehwe ase,

wɔdeda a wɔrentumi nsɔre bio.

Veja também