Publicidade

Salmos 8

Dawid dwom.

1 Awurade, yɛn Awurade,

wo din kɛseyɛ ada adi wiase mmaa nyinaa.

Wode wʼanuonyam

atimtim ɔsoro nohɔ,

2 mmofra ne nkokoaa mpo de wɔn ano

kamfo wo, wʼatamfo nti;

na wode bɔ atamfo ne aweretɔfo ano.

3 Sɛ mehwɛ wo ɔsorosoro,

wo nsateaa ano adwuma;

ɔsram ne nsoromma a

wode obiara asi nʼafa a,

4 onipa ne hena a wokae no,

na onipa ba nso ne hena a wʼani ku ne ho?

5 Wobɔɔ no ma ɔyɛɛ akumaa kakra sen abɔfo

na wode wʼanuonyam ne nidi abɔ no abotiri.

6 Woyɛɛ no ɔsodifo maa wo nsa ano nnwuma

wode nneɛma nyinaa ahyɛ nʼanan ase:

7 nguankuw ne anantwikuw nyinaa

ne wuram mmoa nso,

8 wim nnomaa

ne po mu mpataa,

nea ɛnenam po mu akwan so nyinaa.

9 Awurade, yɛn Awurade,

wo din yɛ kɛse wɔ asase nyinaa so!

Wɔde ma dwonkyerɛfo. Wɔto no sɛnea wɔto "Ɔba no wu".

Veja também

Publicidade
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-15_21-32-39-