Publicidade

Salmos 65

Dawid dwom.

1 Yɛn Nyankopɔn, ayeyi retwɛn wo wɔ Sion,

na yebedi yɛn bɔ a yɛahyɛ wo no so.

2 Wo a woyɛ mpaebɔ tiefo,

wo nkyɛn na nnipa nyinaa bɛba.

3 Bere a yɛn bɔne menee yɛn no,

wo na wode yɛn mmarato kyɛɛ yɛn.

4 Nhyira nka wɔn a wuyi wɔn

ma wɔbɛn wo sɛ wɔntena wʼadiwo hɔ!

Nneɛma pa a ɛwɔ wo fi ahyɛ yɛn ma,

nea ɛwɔ wʼasɔredan kronkron mu no.

5 Wode trenee nnwuma a ɛyɛ nwonwa ma yɛn mmuae,

Onyankopɔn, yɛn agyenkwa,

asase so mmaa nyinaa anidaso

ne po so akyirikyiri nso.

6 Wonam wo tumi so yɛɛ mmepɔw

de daa wʼahoɔden adi.

7 Wudwudwoo po asorɔkye ano,

asorɔkye no mmobɔwee,

ne amanaman no hooyɛ.

8 Wɔn a wɔte akyirikyiri no suro wʼanwonwade;

faako a ade kye, nea anwummere yera,

wofrɛ ahurusi nnwom wɔ hɔ.

9 Wohwɛ asase no gugu so nsu;

woma no yɛ asase pa ma ɛboro so.

Wode nsu hyɛ Onyankopɔn nsuwansuwa ma

sɛnea ɛbɛma nnipa no aduan,

efisɛ saa ne nea woahyɛ.

10 Wofɔw nea woafuntum hɔ no fɔkyee

na wokaa nkɔmoa no kataa so;

wode nsu petee so ma no yɛɛ bɛtɛɛ

na wuhyiraa so afifide.

11 Wode nnɔbae bebree wiee afe no,

na wo nteaseɛnam yɛɛ ma buu so.

12 Sare so nwura dɔɔso

na anigye baa nkoko so.

13 Nguankuw ahyɛ adidibea hɔ ma

na awi akata aku no so;

wɔbɔ ose, to ahosɛpɛw dwom.

Wɔde ma dwonkyerɛfo.

Veja também

Publicidade
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-18_14-04-22-