Pular para o conteúdo
Publicidade

Nnwom 53

Dawid dwom.

1 Ɔkwasea ka ne koma mu se,

"Onyankopɔn bi nni ."

Porɔwee adi wɔn, na wɔn akwan animguase.

Obiara nni a ɔyɛ ade pa.

2 Onyankopɔn fi ɔsoro hwɛ adesamma fam

obehu wɔn mu bi a

wɔwɔ ntease,

anaa ebinom a wɔhwehwɛ Onyankopɔn.

3 Nanso nnipa nyinaa atwe wɔn ho afi Onyankopɔn ho;

wɔn nyinaa ayɛ bɔne.

Obiara nni a ɔyɛ papa.

Ɔbaako mpo nni .

4 Enti abɔnefo rensua nyansa ana?

Wɔwe me nkurɔfo sɛnea nnipa di aduan.

Wonnsu mfrɛ Onyankopɔn.

5 Wɔn na wɔwɔ a wɔabɔ huboa

faako a ehu nni.

Onyankopɔn hwetee wɔn a wɔtow hyɛɛ wo so no nnompe mu;

wuguu wɔn anim ase, efisɛ Onyankopɔn buu wɔn animtiaa.

6 Ao, Israel nkwagye mfi Sion mmra!

Awurade bɛsan de ne nkurɔfo agyapade ama wɔn.

Na Yakob adi ahurusi, na Israel ani agye!

Wɔde ma dwonkyerɛfo. Wɔbɔ no sanku so.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também