Publicidade

Salmos 70

Dawid adesrɛ dwom.

1 Ao, Onyankopɔn, yɛ ntɛm gye me nkwa;

Awurade bra ntɛm bɛboa me.

2 Ma wɔn a wɔhwehwɛ me kra no

anim ngu ase na wɔnyɛ basaa;

ma wɔn a wɔhwehwɛ me sɛe no nyinaa

mfa animguase nsan wɔn akyi.

3 Ma wɔn a wɔka, "Ɔtwea! Ɔtwea!" kyerɛ me no

nsan wɔn akyi, esiane wɔn aniwu nti.

4 Nanso ma wɔn a wɔhwehwɛ wo nyinaa

nsɛpɛw wɔn ho na wɔn ani nnye wɔ wo mu;

ma wɔn a wɔdɔ wo nkwagye no nka da biara se,

"Onyankopɔn yɛ ɔkɛse!"

5 Me de meyɛ ohiani a minni ɔboafo;

Ao, Onyankopɔn, bra me nkyɛn ntɛm.

Wo ne me boafo ne me gyefo;

Awurade, ntwentwɛn wʼanan ase.

Veja também

Publicidade
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-18_14-04-22-