Pular para o conteúdo
Publicidade

Nnwom 109

Dawid dwom.

1 Me Nyankopɔn a mekamfo wo,

nyɛ komm,

2 na amumɔyɛfo ne nkontompofo

atu wɔn ano agu me so;

wɔde atoro tɛkrɛma akasa atia me.

3 Wɔde nitansɛm atwa me ho ahyia

na wɔtow hyɛ me so a menkaa wɔn.

4 Wɔka nsɛm to me so de tua mʼadɔeyɛ so ka,

nanso meyɛ obi a mepɛ mpaebɔ.

5 Wɔde bɔne tua me papayɛ so ka,

na wɔde ɔtan tua mʼadɔeyɛ so ka.

6 Ma onipa bɔne bi nsɔre ntia no;

na Satan nnyina ne nsa nifa so.

7 Wodi nʼasɛm a, ma onni ,

na ne mpaebɔ mmu no kumfɔ.

8 Ma ne nkwa nna nyɛ kakraa bi;

na ɔfoforo nsi nʼanan mu ɔkannifo.

9 Ma ne mma nyɛ ayisaa

na ne yere nyɛ okunafo.

10 Ma ne mma nkyinkyin nsrɛsrɛ ade;

ma wɔmpam wɔn mfi wɔn afi a abubu no mu.

11 Ma ɔdefirifo bi mfa nea ɔwɔ nyinaa;

na ananafo mfom nʼadwuma so aba.

12 Mma obiara nhu no,

anaa ne ayisaa mmɔbɔ.

13 Ma nʼase nhyew,

na wɔn din nyera awo ntoatoaso a ɛreba no mu.

14 Ma wɔnkae nʼagyanom nnebɔne Awurade anim;

na ne na bɔne no ntena daa.

15 Wɔn bɔne nyinaa nka Awurade anim,

na wɔankae wɔn bio asase so.

16 Efisɛ wannwene da ɔbɛyɛ adɔe,

na mmom ɔtaa ahiafo

mmɔborɔfo ne wɔn a wɔn werɛ ahow de kɔɔ owu mu.

17 Nʼani gyee ɔbɛdome

enti nnome mmra no so;

wampɛ obehyira

enti nhyira mmɔ no.

18 Ɔhyɛɛ nnome atade;

ɛno kɔɔ ne nipadua mu nsu,

ne ne nnompe mu ngo.

19 Ma ɛnyɛ atade a ɛkyekyere ne ho,

ne abɔso a ɛbɔ no daa.

20 Ma eyi nyɛ Awurade akatua a ɔde ma me sobobɔfo,

wɔn a wɔka nsɛmmɔne fa me ho no.

21 Nanso wo Asafo Awurade,

wo din nti wo ne me nni no yiye;

fi wʼadɔe mu gye me.

22 Efisɛ meyɛ ohiani ne nea onni bi,

na me koma atɔ beraw me mu.

23 Mitwaa mu anwummere sunsuma;

wopia me kyene mmoadabi.

24 Mmuadadi ama me nkotodwe mu agugow;

mafɔn, na ama aka me nnompe.

25 Mayɛ aserewde ama wɔn a wɔbɔ me sobo;

wohu me a, wɔwosow wɔn ti.

26 Boa me, Awurade me Nyankopɔn;

gye me sɛnea wʼadɔe te.

27 Ma wonhu ɛyɛ wo nsa,

na wo na woayɛ, Awurade.

28 Wɔbɛdome, nanso wubehyira;

wɔtow hyɛ me so a wɔn anim begu ase,

nanso wo somfo ani begye.

29 Mʼatamfo befura animguase;

na akyekyere wɔn ho atade.

30 Mede mʼano bɛma Awurade so ayɛ no kɛse;

mɛkamfo no dɔm mu.

31 Efisɛ ogyina ohiani nsa nifa so

obegye no nkwa afi wɔn a wobu no kumfɔ nsam.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também