Pular para o conteúdo
Publicidade

Nnwom 140

Dawid dwom.

1 Awurade, gye me fi nnebɔneyɛfo nsam;

me ho ban fi basabasayɛfo nsam,

2 wɔn a wodwen bɔne wɔn koma mu

na wɔhwanyan ɔko mu da biara.

3 Wɔsew wɔn tɛkrɛma ano te ɔwɔ de;

nhurutoa bɔre wɔn ano.

4 Awurade, yi me fi amumɔyɛfo nsam;

me ho ban fi basabasayɛfo a

wodwen wobetwintwan mʼanan mu no ho.

5 Ahantanfo asum me afiri;

wɔatrɛtrɛw wɔn asau ahama mu

wɔasunsum me mfiri me kwan so.

6 Awurade, meka kyerɛ wo se, "Wone me Nyankopɔn."

Awurade, tie me mmɔborɔsu.

7 Otumfo Awurade, me gyefo hoɔdenfo,

wokata me ti so ɔko da,

8 nyɛ amumɔyɛfo abisade mma wɔn, Awurade;

mma wɔn nhyehyɛe nnyɛ yiye.

9 Wɔatwa me ho ahyia,

nanso, ma amumɔyɛsɛm a efi wɔn anom no nsɛe wɔn.

10 Ma nnyansramma ngu wɔn so;

ma wɔntow wɔn ngu ogya mu,

ngu dontori amoa mu a wɔrensɔre bio.

11 Mma dinsɛefo ase ntim asase no so;

ma amanehunu ntaataa kitikitiyɛfo.

12 Minim Awurade bu ahiafo atɛntrenee

na odi onnibi asɛm ma no.

13 Ampa ara, atreneefo bɛkamfo wo din

na wɔn a wɔnam tee no bɛtena nkwa mu wʼanim.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também