Pular para o conteúdo
Publicidade

Nnwom 11

Dawid dwom.

1 Awurade mu na mede me werɛ ahyɛ.

Adɛn na wutumi ka kyerɛ me se,

"Tu te sɛ anomaa kɔ wo bepɔw so.

2 Na hwɛ, amumɔyɛfo akuntun wɔn ta mu,

na wɔde wɔn mmɛmma asisi ahama so

sɛ wɔbɛtow wɔ sum mu

de awɔ koma mu ahotefo.

3 Sɛ wɔresɛe fapem no a,

dɛn na ɔtreneeni betumi ayɛ?"

4 Awurade wɔ nʼasɔredan kronkron no mu;

Awurade te ne soro ahengua so.

Ɔhwɛ nnipa mma,

nʼani hwehwɛ wɔn mu.

5 Awurade hwehwɛ ɔtreneeni mu,

na amumɔyɛfo ne wɔn a wɔpɛ basabasayɛ de,

ne kra kyi wɔn.

6 Ɔbɛtɔ ogyatannaa ne sufre a ɛredɛw

agu amumɔyɛfo so;

na mframa a mu yɛ hyew bɛyɛ wɔn kyɛfa.

7 Awurade yɛ ɔtreneeni,

na ɔpɛ atɛntrenee;

wɔn a wɔteɛ no behu nʼanim.

Wɔde ma dwonkyerɛfo se wɔnto no wɔ "Seminit" sanku nne so.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.