Pular para o conteúdo
Publicidade

Nnwom 110

Dawid dwom.

1 Awurade ka kyerɛɛ me Wura se,

"Tena me nifa so

kosi mede wʼatamfo

bɛyɛ wʼanan ase ntiaso."

2 Awurade bɛterɛw wʼahempema dennen mu afi Sion;

na wubedi hene wʼatamfo so.

3 Wʼasraafo beyi wɔn koma mu

da a wobɛkɔ ɔsa.

Tumi kronkron bɛyɛ wʼadurade

na wo mmabun bɛba wo nkyɛn

sɛnea obosu gugu anɔpahema.

4 Awurade aka ntam

na ɔrensesa nʼadwene:

"Woyɛ daapem sɔfo

Melkisedek sɛso."

5 Awurade wo nifa so;

ɔbɛdwerɛw ahemfo nʼabufuwhyew da no.

6 Obebu amanaman atɛn aboaboa awufo ano;

na wadwerɛw asodifo a wɔwɔ asase so nyinaa.

7 Ɔbɛnom asuwa a ɛda ɔkwankyɛn mu nsu

enti obedi nkonim.

Ɔhene no bɛnom asuwa a ɛda ɔkwankyɛn mu nsu,

na wanya ahoɔden, na wagyina nkonimdi mu.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também