Publicidade

Salmos 10

1 Adɛn, Awurade, na wugyina akyirikyiri saa?

Adɛn na wode wo ho ahintaw wɔ amanehunu mmere mu yi?

2 Omumɔyɛfo de ahantan taataa mmɔborɔfo,

wɔn a ne nneyɛe mfiri yiyi wɔn no.

3 Ɔde nea ne koma hwehwɛ hoahoa ne ho;

ohyira odifudepɛfo na oyi Awurade ahi.

4 Ahantan nti omumɔyɛfo nhwehwɛ Awurade;

ne nsusuwii mu no Onyankopɔn nsi hwee.

5 Nʼakwan nyinaa mu odi yiye;

ɔma ne ho so, na wo mmara mfa no ho;

na odi nʼatamfo nyinaa ho fɛw.

6 Ɔka kyerɛ ne ho se: "Hwee remma minhinhim;

mʼani begye daa, na merenkɔ amanehunu mu da."

7 Nnome, atoro ne ahunahuna ahyɛ nʼanom ma;

Ɔhaw ne mmusu hyɛ ne tɛkrɛma ase.

8 Ɔtɛw bɛn nkuraa no;

ofi ahintawee kum nea onnim hwee,

ohintaw hwɛ wɔn a ɔrehwehwɛ wɔn ayɛ wɔn bɔne no.

9 Ɔte sɛ gyata a wahintaw;

ɔtɛw sɛ ɔbɛkyere mmɔborɔni;

ɔkyere wɔn twe wɔn ase de wɔn kɔ ne bon mu.

10 Ɔdwerɛw wɔn a ɔkyere wɔn no ma wɔtɔ beraw;

na ɔde nʼahoɔden ka wɔn hyɛ.

11 Ɔka kyerɛ ne ho se, "Onyankopɔn werɛ afi;

wayi nʼani afi so na onhu."

12 Sɔre, Awurade! Ma wo nsa so, Onyankopɔn.

Mma wo werɛ mfi wɔn a wonni aboafo.

13 Adɛn nti na omumɔyɛfo yi Onyankopɔn ahi?

Adɛn nti na ɔka kyerɛ ne ho se,

"Ɔremfrɛ me akontaabu so?"

14 Nanso wo, Onyankopɔn, wuhu amanehunufo haw;

na wayɛ wʼadwene sɛ wobɛhwɛ.

Mmɔborɔni de ne ho ma wo;

wo na woyɛ ayisaa boafo.

15 Bubu omumɔyɛfo ne ɔbɔnefo aprɛw;

frɛ no na ommebu nʼamumɔyɛ ho nkontaa,

nʼamumɔyɛ a anka wɔrenhu no.

16 Awurade yɛ ɔhene daa nyinaa;

amanaman no bɛyera nʼasase so.

17 Awurade, wutie mmɔborɔfo adesrɛ;

wohyɛ wɔn nkuran, na wutie wɔn sufrɛ,

18 na wudi ma ayisaa ne nea wɔhyɛ no so,

sɛnea ɛbɛyɛ a ɔdesani a ofi asase mu

renhunahuna bio.

Wɔde ma dwonkyerɛfo.

Veja também

Publicidade
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-18_14-04-22-