Pular para o conteúdo
Publicidade

Nnwom 83

Asaf Dwom.

1 Ao, Onyankopɔn, ntena hɔ komm;

mmua wʼano, Ao, Onyankopɔn, keka wo ho.

2 Hwɛ sɛnea wʼatamfo keka wɔn ho fa,

na wɔn a wɔmpɛ wʼasɛm nso ama wɔn ti so.

3 Wɔde anifere repam atia wo nkurɔfo,

wɔrepam atia wɔn a wo koma da wɔn so no.

4 Wɔka se, "Mommra na yɛnsɛe wɔn sɛ ɔman,

sɛnea wɔrenkae Israel din bio."

5 Wɔde adwene koro bɔ pɔw;

na wɔpam tia wo,

6 Edom ntamadan ne Ismaelfo,

Moabfo ne Hagarfo,

7 Gebalfo ne Amonfo ne Amalekfo,

Filistifo ne Tirofo.

8 Asiria mpo akɔka wɔn ho

de wɔn ahoɔden akɔhyɛ Lot asefo de no mu den.

9 Yɛ wɔn sɛnea woyɛɛ Midian,

sɛnea woyɛɛ Sisera ne Yabin wɔ asubɔnten Kison ho no,

10 wɔn a wɔsɛe wɔ En-Dor

na wɔdan nwura no.

11 Yɛ wɔn atitiriw sɛ Oreb ne Seeb,

ne wɔn mmapɔmma nyinaa sɛ Seba ne Salmuna,

12 a wɔkae se, "Momma yɛmfa

Onyankopɔn adidibea nsase no no."

13 Me Nyankopɔn, yɛ wɔn sɛ mfɛtɛ mu mfutuma,

sɛ ntɛtɛ a mframa bɔ gu.

14 Sɛnea ogya hyew kwae,

na ogyatannaa so nkoko mu hyew no no,

15 saa ara na fa wʼahum taa wɔn

na fa wo mframa a ano yɛ den no hunahuna wɔn.

16 Ma animguase nka wɔn,

na ama nnipa ahwehwɛ wo din akyi kwan, Awurade.

17 Ma wɔn anim ngu ase na wonni yaw;

ma wonwuwu wɔ animguase mu.

18 Ma wonhu sɛ wo a wo din de Awurade no,

wo nko ara ne Ɔsorosoroni wɔ asase nyinaa so.

Wɔde ma dwonkyerɛfo sɛ wɔnto no wɔ gittit sanku nne so.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.