Publicidade

Salmos 54

Dawid "maskil" dwom. Ɔtoo no bere a Sififo kɔka kyerɛɛ Saulo se, "Dawid abehintaw wɔ yɛn mu."

1 Ao, Onyankopɔn, gye me wɔ wo din mu;

fa wo tumi bu me bem.

2 Ao, Onyankopɔn, tie me mpaebɔ;

tie mʼanom nsɛm.

3 Ahɔho retow ahyɛ me so.

Atirimɔdenfo rehwehwɛ me akum me;

nnipa a wɔmmfa Onyankopɔn nyɛ hwee.

4 Ampa ara, Onyankopɔn ne me boafo;

Awurade ne me hwɛfo.

5 Ma mmusu nkyim mmra wɔn a wodi me ho nseku no so;

wo nokwaredi mu, sɛe wɔn.

6 Mefi me pɛ mu abɔ afɔre ama wo;

Awurade, meyi wo din ayɛ,

efisɛ eye.

7 Woagye me afi me haw nyinaa mu,

na mʼani ahu nkonimdi wɔ mʼatamfo so.

Wɔde ma dwonkyerɛfo. Wɔde sanku na ɛto.

Veja também

Publicidade
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-18_14-04-22-