Pular para o conteúdo
Publicidade

Nnwom 87

Koramma dwom.

1 Wato ne fapem bepɔw kronkron no so;

2 Awurade Sion apon no

sen Yakob atenae nyinaa.

3 Wɔka wo ho anuonyamsɛm

Onyankopɔn kuropɔn:

4 "Mede Rahab ne Babilonia

bɛka wɔn a wɔyɛ osetie ma me no ho,

Filistia, Tiro ne Kus nso

na maka se, Wɔwoo eyinom Sion.’ "

5 Ampa ara wɔbɛka afa Sion ho se,

"Wɔwoo oyi ne ɔno no mu,

na Ɔsorosoroni no ankasa de no betim ."

6 Awurade bɛkyerɛw nnipa dinkyerɛw nhoma no mu se,

"Wɔwoo oyi Sion."

7 Na wɔbɛto dwom se,

"Me ntin nyinaa wo mu."

Kora mma dwom a wɔde ma dwonkyerɛfo wɔnto no "Mahalat Leannot" sanku so.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também