Publicidade

Salmos 112

1 Monkamfo Awurade.

Nhyira nka onipa a osuro Awurade

na onya nʼahyɛde mu anigye pii.

2 Ne mma bɛyɛ atumfo wɔ asase no so;

atreneefo awo ntoatoaso benya nhyira.

3 Ahonya ne sika wɔ ne fi,

na ne trenee tena hɔ daa.

4 Sum mu mpo hann pue ma nnipa a wɔteɛ,

ma ɔdomfo, mmɔborɔhunufo ne ɔnokwafo.

5 Yiyedi bɛba wɔn a wɔn tirim yɛ mmerɛw na wɔde fɛm kwa,

wɔn a wɔde atɛntrenee yɛ wɔn nneɛma no so.

6 Ampa ara ɔrenhinhim da biara da;

wɔbɛkae onipa trenee daa.

7 Ɔte asɛmmɔne a, ɛmmɔ no hu;

ne koma si pi wɔ Awurade mu ahotoso mu.

8 Ne koma wɔ bammɔ, na onsuro;

awiei no ɔde nkonimdi behyia nʼatamfo.

9 Ɔtow nʼakyɛde pete aman so ma ahiafo nea wohia,

nʼadɔe no tena hɔ daa;

wɔbɛkae wɔn daa na wɔahyɛ wɔn anuonyam.

10 Omumɔyɛfo behu ama ayɛ no yaw,

ɔbɛtwɛre ne se na wafɔn;

omumɔyɛfo tirimpɔw bɛyɛ ɔkwa.

Veja também

Publicidade
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-18_14-04-22-