Pular para o conteúdo
Publicidade

Nnwom 129

Ɔsoroforo dwom.

1 "Wɔahyɛ me so pii afi me mmofraase,

ma Israel nka ɛ.

2 "Wɔahyɛ me so pii afi me mmofraase,

nanso wontumi nnii me so nkonim ɛ.

3 Fɛntɛmfo afɛntɛm mʼakyi

ayɛ wɔn nkɔmoa atenten.

4 Nanso Awurade ɔtreneeni;

watwitwa amumɔyɛfo hama afi me ho ama made me ho."

5 Ma wɔn a wɔtan Sion nyinaa

mfa animguase nsan wɔn akyi.

6 Ma wɔnnyɛ sare a ɛwɔ ɔdan atifi,

a ennyin na ɛhyew;

7 na nnɔbaetwafo ntumi nnya biribi mfi mu nhyɛ ne nsa ma,

na nea ɔboaboa ano nso nnya hwee nhyɛ nʼabasa ma.

8 Mma wɔn a wotwa mu no nka se,

"Awurade nhyira mmra mo so;

yehyira mo Awurade din mu."

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também