Pular para o conteúdo
Publicidade

Nnwom 64

Dawid dwom.

1 Me Nyankopɔn, tie me, bere a mereka me haw;

me kra ho ban fi ɔtamfo ahunahuna ho.

2 Fa me sie fi amumɔyɛfo agyinatu ho,

ne nnebɔneyɛfo pɔwbɔ ho.

3 Wɔsew wɔn tɛkrɛma afoa

na wɔde atirimɔden nsɛm sɔn mmɛmma werɛmfo.

4 Wofi ahintawee mu, tow onipa a ne ho nni asɛm;

wɔtow no mpofirim a wonsuro.

5 Wɔhyehyɛ wɔn ho wɔn ho nkuran wɔn amumɔyɛ nhyehyɛe ho,

wɔka sɛnea wobesum wɔn mfiri asie;

wɔka se, "Hena na obehu yɛn?"

6 Wɔbɔ ntɛnkyew ho pɔw na wɔka se,

"Yɛayɛ nhyehyɛe a ɛso nni koraa!"

Ampa ara onipa koma ne nʼadwene anifere.

7 Nanso Onyankopɔn bɛto bɛmma abɔ wɔn;

na wɔbɛhwe fam prɛko .

8 Ɔbɛdan wɔn ankasa tɛkrɛma atia wɔn

na ɔde wɔn aba ɔsɛe mu;

na wɔn a wobehu wɔn nyinaa de animka bɛbɔ wɔn ti nko.

9 Adesamma nyinaa besuro;

wɔbɛpae mu aka Onyankopɔn nnwuma

na wɔasusuw nea wayɛ ho.

10 Ma atreneefo nni ahurusi Awurade mu

na wɔmpɛ guankɔbea no mu;

ma wɔn a wɔn koma mu tew nyinaa nyi no ayɛ!

Wɔde ma dwonkyerɛfo.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também