Pular para o conteúdo
Publicidade

Salmos 16

Dawid mpaebɔ.

1 me ho ban, me Nyankopɔn,

na wo mu na minya guankɔbea.

2 Meka kyerɛɛ Awurade se,

"MʼAwurade ne wo;

minni ade pa biara ka wo ho."

3 Ahotefo a wɔwɔ asase no so de,

wɔne anuonyamfo a

mʼanigye wɔn mu.

4 Wɔn a wodi anyame afoforo akyi no,

wɔn awerɛhow bɛdɔɔso.

Merengu mogya nsa mma saa anyame no

na meremfa mʼano mmɔ wɔn din.

5 Awurade, wode me kyɛfa ne me kuruwa ama me;

woama me kyɛfa anya bammɔ.

6 Mʼahye akɔdeda mmeae a eye ama me;

ampa ara mewɔ agyapade a ho anigye.

7 Mɛkamfo Awurade a otu me fo;

na anadwo mpo, me koma kyerɛkyerɛ me.

8 Mihu Awurade mʼani so daa nyinaa.

Esiane ɔwɔ me nsa nifa nti, merenhinhim da.

9 Ɛno nti, me kra ani gye, na mede me tɛkrɛma di ahurusi;

me nipadua nso bɛhome asomdwoe mu,

10 efisɛ, worennyaw me awufo mu.

Na woremma wo Kronkronni no mporɔw.

11 Woakyerɛ me nkwagye kwan,

na wobɛma mʼani agye wʼanim,

na anigye a ɛrensa da wo nifa so.

Veja também