Agradecimento pela vida
Agradecer pela vida é reconhecer que cada respiração é dom de Deus. Toda criatura que tem fôlego louve ao Senhor — porque Ele nos formou e nos sustenta com amor.
Momma deɛ ɛhome nyinaa nkamfo Awurade.
Monkamfo Awurade.
Monkamfo Awurade.
Ao me ɔkra, kamfo Awurade!
Mɛkamfo Awurade me nkwa nna nyinaa;
mɛto ayɛyi dwom ama me Onyankopɔn, sɛ mete ase yi.
Na wo na wobɔɔ me honhom
wonwonoo me wɔ me maame awotwaa mu.
Mekamfo wo, ɛfiri sɛ woyɛɛ me anwanwakwan so a ɛyɛ hu.
Wo nnwuma yɛ nwanwa.
Menim ɛno yie pa ara.
Wɔamfa me bɔberɛ anhinta wo
ɛberɛ a wɔyɛɛ me kɔkoam no;
ɛberɛ a wɔnwonoo me asase yam no,
wʼani hunuu me ɛberɛ a meyɛ mogya toa no.
Nna dodoɔ a woatwa ama me no,
wɔatwerɛ ne nyinaa wɔ wo nwoma mu
ansa na emu baako reba mu.
Mɛto dwom ama Awurade me nkwa nna nyinaa;
sɛ mete ase yi, mɛto ayɛyie dwom ama me Onyankopɔn.
Ɔmma mʼakoma mu mpaeɛbɔ nsɔ nʼani
ɛberɛ a meregye mʼani wɔ Awurade mu yi.
Monhunu sɛ Awurade yɛ Onyankopɔn;
ɔno na ɔyɛɛ yɛn, na yɛyɛ ne dea;
yɛyɛ ne nkurɔfoɔ ne nʼadidibea nnwan.
Momfa aseda nhyɛne nʼapono mu
na momfa nkamfo nkɔ nʼadihɔ;
momfa aseda mma no, na monkamfo ne din.
Wʼadɔeɛ a ɛnsa da no som bo!
Nnipa mu akɛseɛ ne nketewa
nya hintabea wɔ wo ntaban nwunu ase.
Wɔdi deɛ abu soɔ wɔ wo fie
woma wɔnom firi wʼanika asutene no mu.
Wo nkyɛn na nkwa asutire wɔ;
wo hann mu na yɛhunu hann.
Mema wo so, Ao Awurade,
ɛfiri sɛ, woayi me afiri ebunu mu
na woamma mʼatamfoɔ ansere me.
Ao Awurade me Onyankopɔn, mesu frɛɛ wo sɛ boa me
na wosaa me yadeɛ.
Ao Awurade, woyii me firii damena mu;
wode me ho kyɛɛ me na woamma mankɔ amena mu.
Ao Awurade, mefiri mʼakoma nyinaa mu mekamfo wo.
Mɛka wʼanwanwadeɛ no nyinaa.
Mɛma mʼani agye na madi ahurisie wɔ wo mu.
Mɛto ayɛyie dwom ama wo din, Ao Ɔsorosoroni.
na monna Agya Onyankopɔn ase ɛberɛ biara wɔ biribiara ho wɔ yɛn Awurade Yesu Kristo din mu.
Honhom Nhyira Wɔ Kristo Mu
Momma yɛnna Onyankopɔn a ɔyɛ yɛn Awurade Yesu Kristo Agya no ase, ɛfiri sɛ, ɔnam Kristo so de honhom mu nhyira a ɛfiri ɔsoro abrɛ yɛn.
Yɛda Onyankopɔn ase wɔ nʼakyɛdeɛ a ɛnni kabea no ho.
Momfa ahosɛpɛ nna Agya no a ɛnam ne so enti, moanya deɛ Onyankopɔn akora so ama nʼahotefoɔ a wɔwɔ ne hann no mu no bi no ase. Ɔgyee yɛn firii esum tumi ase de yɛn baa ne Dɔ Ba no Ahennie mu dwoodwoo. Ne mu na yɛnya ɔgyeɛ. Ne mu nso na yɛnya bɔnefakyɛ.
Kristo yɛ Onyankopɔn a wɔnhunu no no sɛso. Ɔno ne abɔdeɛ nyinaa farebae. Ɛfiri sɛ, ɛnam ne so na Onyankopɔn bɔɔ biribiara a ɛwɔ ɔsoro ne asase so, deɛ wɔhunu ne deɛ wɔnhunu, honhom mu atumfoɔ, awuranom ne ahemfo. Onyankopɔn nam ne so na ɔbɔɔ ewiase nyinaa na ɔbɔ maa no nso. Na ɔwɔ hɔ ansa na wɔrebɔ biribiara, na ne mu na biribiara nya nʼafa pɛpɛɛpɛ.
Sɛ modidi mee a, monhyira Awurade mo Onyankopɔn wɔ asase pa a ɔde ama mo no enti.
Ao Awurade, wodii mʼasɛm maa me;
na wogyee me nkwa.
Memem kɔɔ mmepɔ no ase pɛɛ;
asase ase kaa me hyɛɛ mu afebɔɔ.
Nanso wogyee me nkwa firii amena mu,
Ao Awurade, me Onyankopɔn.
"Ɛberɛ a me nkwa resene akɔ no,
mekaee wo Awurade,
na me mpaeɛbɔ foro baa wo nkyɛn,
wɔ wʼasɔredan kronkron no mu.