Publicidade

Salmos 139

Dawid dwom.

1 Ao Awurade, woahwehwɛ me mu

na woahunu me.

2 Wonim mʼasetena ne me sɔreɛ;

wofiri akyirikyiri hunu mʼadwene mu.

3 Wonim mʼadifirie ne me nnaeɛ;

wonim mʼakwan nyinaa.

4 Ansa na mɛbue mʼano akasa no

Ao Awurade, na wonim ne nyinaa dada.

5 Woatwa me ho nyinaa ahyia

na wobɔ me ho ban.

6 Saa nimdeɛ yi boro me nteaseɛ so,

ɛyɛ me nwanwa dodo.

7 Ɛhe na mɛtumi afiri wo honhom anim akorɔ?

Ɛhe na mɛtumi adwane afiri wʼanim akorɔ?

8 meforo soro a, wowɔ .

Na mekɔsɛ me kɛtɛ asaman a, wo nie.

9 mede adekyeeɛ ntaban tu

na mekɔtena ɛpo akyi nohoa a,

10 mpo ɛhɔ na wo nsa bɛgya me akɔ,

na wo nsa nifa bɛsɔ me mu.

11 Na meka , "Ampa ara esum mmɛkata me so

na hann nnane adesaeɛ ntwa me ho nhyia a,"

12 esum mpo nnyɛ sum mma wo;

na anadwo bɛhyerɛn awia;

esum ne hann wo .

13 Na wo na wobɔɔ me honhom

wonwonoo me me maame awotwaa mu.

14 Mekamfo wo, ɛfiri woyɛɛ me anwanwakwan so a ɛyɛ hu.

Wo nnwuma nwanwa.

Menim ɛno yie pa ara.

15 Wɔamfa me bɔberɛ anhinta wo

ɛberɛ a wɔyɛɛ me kɔkoam no;

ɛberɛ a wɔnwonoo me asase yam no,

16 wʼani hunuu me ɛberɛ a meyɛ mogya toa no.

Nna dodoɔ a woatwa ama me no,

wɔatwerɛ ne nyinaa wo nwoma mu

ansa na emu baako reba mu.

17 Ao Onyankopɔn, wo nsusuiɛ som bo ma me!

Woka ne nyinaa mu a, ɛso dodo!

18 mese mɛkan a,

ne dodoɔ bɛboro mpoano anwea,

menyane a,

me ne wo ara.

19 Ao Onyankopɔn, anka wobɛkumkum amumuyɛfoɔ a!

Momfiri me so, mo mogyapɛfoɔ!

20 Wɔde adwemmɔne ka wo ho asɛm;

wʼatamfoɔ mmɔ wo din pa.

21 Ao Awurade, metane wɔn a wɔtane wo,

na mekyiri wɔn a wɔsɔre tia woɔ.

22 Menni hwee ɔtan a mewɔ ma wɔn;

mefa wɔn mʼatamfoɔ.

23 Hwehwɛ me mu, Ao Onyankopɔn, na hunu mʼakoma;

me hwɛ na hunu mʼadwene.

24 Hwɛ bɔne bi me mu a,

na fa me fa ɛkwan a ɛkɔ daa nkwa so.

Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ.

Veja também

Publicidade
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-29_22-07-56-