Pular para o conteúdo
Publicidade

Nnwom 64

Dawid dwom.

1 Ao Onyankopɔn, tie me ɛberɛ a mereka me haw;

me ɔkra ho ban firi ɔtamfoɔ ahunahuna ho.

2 Fa me sie firi amumuyɛfoɔ agyinatuo ho,

ne nnebɔneyɛfoɔ dodoɔ no gyegyeegyeyɛ ho.

3 Wɔse wɔn tɛkrɛma akofena

na wɔse wɔn ano mmɛmma kɔdiawuo.

4 Wɔfiri atɛeɛ mu, to onipa a ne ho nni asɛm;

wɔto no mpofirim a wɔnsuro.

5 Wɔhyehyɛ wɔn ho wɔn ho nkuran wɔn amumuyɛ nneyɛeɛ ho,

wɔka sɛdeɛ wɔbɛsum afidie;

wɔka , "Hwan na ɔbɛhunu yɛn?"

6 Wɔbɔ atɛnkyea ho na wɔka ,

"Yɛayɛ nhyehyɛeɛ a ɛyɛ !"

Ampa ara onipa akoma ne nʼadwene anifire.

7 Nanso, Onyankopɔn bɛto bɛmma awɔ wɔn;

na wɔbɛhwe fam prɛko .

8 Ɔbɛdane wɔn ankasa tɛkrɛma atia wɔn

na ɔde wɔn aba ɔsɛeɛ mu;

na wɔn a wɔbɛhunu wɔn nyinaa bɛbɔ wɔn tiri nko animtiabuo so.

9 Adasamma nyinaa bɛsuro;

wɔbɛpae mu aka Onyankopɔn nnwuma

na wɔasusu deɛ wayɛ ho.

10 Ma teneneefoɔ nni ahurisie Awurade mu

na wɔmpɛ hintabea ne mu;

ma wɔn a wɔn akoma mu teɛ nyinaa nyi no ayɛ!

Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também