Publicidade

Salmos 33

1 Momfa ahurisie nto dwom mma Awurade, mo teneneefoɔ,

ɛfata sɛ wɔn a wɔtene no yi no ayɛ.

2 Momfa sankuo nkamfo Awurade;

monto dwom mma no wɔ sankuten so.

3 Monto dwom foforɔ mma no.

Momfa nimdeɛ mmɔ sankuo no na monteam ahurisie so!

4 Awurade asɛm tene, na ɛyɛ nokorɛ

ɔdi nokorɛ wɔ deɛ ɔyɛ nyinaa mu.

5 Awurade dɔ teneneeyɛ ne atɛntenenee.

Nʼadɔeɛ a ɛnsa da no ahyɛ asase so ma.

6 Awurade asɛm so na wɔnam yɛɛ ɔsorosoro,

nʼanom homeɛ so na wɔnam yɛɛ ɔsoro asafo.

7 Ɔka ɛpo nsuo boa ano kuo;

na ɔde ebunu siee deɛ ɛhɔ dɔ.

8 Momma asase sofoɔ nyinaa nsuro Awurade;

na ewiasefoɔ nyinaa mfa anidie mma no.

9 Ɔno na ɔkasaeɛ na ɛbaa mu

na ɔhyɛeɛ na ɛgyinaa pintinn.

10 Awurade sɛe amanaman no nhyehyɛeɛ;

ɔma adasamma nsusuiɛ yɛ kwa.

11 Nanso, Awurade nhyehyɛeɛ tim hɔ daa,

nʼakoma mu botaeɛ wɔ hɔ ma awoɔ ntoatoasoɔ.

12 Nhyira ne ɔman a ne Onyankopɔn ne Awurade,

nnipa a ɔyii wɔn sɛ nʼagyapadeɛ no.

13 Awurade hwɛ adasamma nyinaa firi soro.

14 Ɔfiri nʼatenaeɛ hwɛ wɔn a wɔte asase so nyinaa.

15 Ɔno ne deɛ ɔbɔɔ wɔn nyinaa akoma,

enti ɔnim deɛ wɔyɛ nyinaa.

16 Ɛnyɛ ɔhene akodɔm kɛseɛ na ɛbɛgye no;

ɛnyɛ ɔkofoɔ ahoɔden na ɛbɛma no afiri mu afi.

17 Ɔpɔnkɔ mu ahotosoɔ yɛ kwa wɔ nkwagyeɛ mu;

nʼahoɔden nyinaa akyi no, ɔrentumi nnye nkwa.

18 Nanso Awurade ani wɔ wɔn a wɔsuro no no so,

wɔn a wɔwɔ anidasoɔ wɔ ne dɔ a ɛnsa da no mu,

19 sɛ ɔbɛgye wɔn afiri owuo mu

na wama wɔatena nkwa mu wɔ ɛkɔm berɛ mu.

20 Yɛde anidasoɔ twɛn Awurade;

ɔyɛ yɛn ɔboafoɔ ne yɛn akokyɛm.

21 Ne mu na yɛn akoma di ahurisie,

ɛfiri sɛ yɛde yɛn ho to ne din kronkron no so.

22 Ma wʼadɔeɛ a ɛnsa da no ntena yɛn so, Ao Awurade,

sɛdeɛ anidasoɔ a yɛwɔ wɔ mu no teɛ.

Veja também

Publicidade
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-16_18-40-07-