Publicidade

Salmos 1

1 Nhyira ne onipa a

ɔntie amumuyɛfoɔ afotuo

na ɔnni nnebɔneyɛfoɔ nhwɛsoɔ akyi

na ɔntena fɛdifoɔ tenabea.

2 Na mmom, Awurade mmara sɔ nʼani,

na ɔdwene ho awia ne anadwo.

3 Ɔte sɛ dua a wɔatɛ wɔ asutene ho,

na ɛso nʼaba ne berɛ mu a

nʼahahan no nnwan.

Deɛ ɔyɛ biara yɛ yie.

4 Nanso nnebɔneyɛfoɔ nte saa;

wɔte sɛ ntɛtɛ a

mframa bɔ guo.

5 Enti amumuyɛfoɔ rentumi nnyina atemmuo no ano,

na nnebɔneyɛfoɔ nso rentena teneneefoɔ asafo mu.

6 Ɛfiri sɛ Awurade kyerɛ ɔteneneeni kwan

nanso amumuyɛfoɔ kwan deɛ, ɛbɛyera.

Veja também

Publicidade
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-15_21-32-39-