Pular para o conteúdo
Publicidade

Nnwom 114

1 Ɛberɛ a Israelfoɔ firii Misraim,

na Yakob fiefoɔ firii ananafoɔ asase so no,

2 Yuda bɛyɛɛ Awurade kronkronbea

na Israel bɛyɛɛ nʼahemman.

3 Ɛpo no huruiɛ na ɛdwaneeɛ,

Yordan sanee nʼakyi;

4 Mmepɔ hurihurii nnwennini

nkokoɔ nso hurihurii nnwammaa.

5 Ɛdeɛn na ɛbaeɛ, Ao ɛpo, na wodwaneeɛ,

Ao Yordan, na wosanee wʼakyi,

6 mo mmepɔ, na mohurihuri nnwennini,

na mo nkokoɔ, mohurihuri nnwammaa?

7 Asase, ma wo ho mpopo Awurade anim,

Yakob Onyankopɔn anim,

8 ɔno na ɔmaa ɔbotan no danee asubura,

na abotan a ɛyɛ den danee nsuwa nsuwa no.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também