Publicidade

Salmos 63

Dawid dwom. Ɛberɛ a ɔwɔ Yuda Ɛserɛ so no na ɔtoeɛ.

1 Ao, Onyankopɔn, wone me Onyankopɔn

Mehwehwɛ wo anibereɛ so;

wo ho sukɔm de me kra,

me onipadua ani agyina wo,

wɔ asase a awo na ɛserɛ nni so,

baabi a nsuo nnie.

2 Mahunu wo wɔ Kronkronbea hɔ

mahunu wo tumi ne wʼanimuonyam.

3 Esiane sɛ, wʼadɔeɛ di mu sene nkwa enti

mʼano fafa bɛhyɛ wo animuonyam.

4 Sɛ mete ase yi, mɛkamfo wo,

na wo din mu na mɛpagya me nsa.

5 Me ɔkra bɛmee sɛdeɛ wadi aduane papa bi;

mede anofafa a ɛto dwom bɛyi wo ayɛ.

6 Meda me mpa so a, mekae wo.

Anadwo dasuo mu nyinaa, medwene wo ho.

7 Ɛfiri sɛ, wone ne ɔboafoɔ,

wo ntaban ase nwunu mu na mɛto dwom.

8 Me kra bata wo ho;

na wo nsa nifa kura me mu.

9 Wɔn a wɔpɛ me akum me no bɛsɛe;

wɔbɛkɔ asase ase tɔnn.

10 Wɔbɛdane wɔn ama akofena

na wɔbɛyɛ aduane ama sakraman.

11 Nanso ɔhene bɛdi ahurisie wɔ Onyankopɔn mu;

wɔn a wɔka ntam wɔ Onyankopɔn din mu nyinaa bɛkamfo no,

na wɔbɛmua atorofoɔ ano.

Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ.

Veja também

Publicidade
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-15_21-32-39-