Publicidade

Salmos 36

Awurade ɔsomfoɔ Dawid dwom.

1 Nkɔmhyɛ bi da mʼakoma so

a ɛfa omumuyɛfoɔ mmarato ho.

Wɔnnsuro Onyankopɔn.

2 Na ɔno ankasa ani so no, ɔdaadaa ne ho dodo

enti mma ɔnhunu ne bɔne nnyae yɛ.

3 Nʼanom nsɛm yɛ atirimuɔden ne nnaadaa;

ɔnnim nyansa bio, na wayɛ papa.

4 Ɔda ne mpa so mpo a, ɔbɔ pɔ bɔne;

na ɔgyaa ne ho ma bɔne ɛkwan

na ɔmpo deɛ ɛnyɛ.

5 Awurade, wʼadɔeɛ duru sorosoro

wo nokorɛdie duru ewiem tɔnn.

6 Wo tenenee te sɛ mmepɔ akɛseɛ.

Wʼatɛntenenee mu dɔ sɛ ɛpo bunu.

Ao Awurade, wokora nnipa ne mmoa nyinaa so.

7 Wʼadɔeɛ a ɛnsa da no som bo!

Nnipa mu akɛseɛ ne nketewa

nya hintabea wɔ wo ntaban nwunu ase.

8 Wɔdi deɛ abu soɔ wɔ wo fie

woma wɔnom firi wʼanika asutene no mu.

9 Wo nkyɛn na nkwa asutire wɔ;

wo hann mu na yɛhunu hann.

10 Kɔ so dɔ wɔn a wɔnim wo,

ma wo tenenee ntena wɔn a wɔtene akoma mu.

11 Mma ɔhantanni nan ntia me

anaa omumuyɛfoɔ nsa nnsunsum me.

12 Hwɛ sɛdeɛ nnebɔneyɛfoɔ ahwehwe ase,

wɔdeda hɔ a wɔrentumi nsɔre bio.

Veja também

Publicidade
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-15_21-32-39-