Pular para o conteúdo
Publicidade

Nnwom 72

Salomo dwom.

1 Ao Onyankopɔn, fa wʼatɛntenenee ma ɔhene no,

na fa wo tenenee ma ɔhene babarima.

2 Ɔde tenenee bɛbu wo nkurɔfoɔ atɛn,

ɔbɛbu wo nkurɔfoɔ a wɔrehunu amane no atɛntenenee.

3 Mmepɔ no de yiedie bɛbrɛ nnipa no,

nkokoɔ no de tenenee bɛba.

4 Ɔbɛko ama nnipa no mu amanehunufoɔ

na woagye wɔn a wɔnni bie mma nkwa;

ɔbɛdwerɛ nhyɛsofoɔ.

5 Owia ne ɔsrane da so yi

wɔbɛsuro wo awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu.

6 Ɔbɛyɛ osuo a ɛtɔ gu asase a wɔadɔ soɔ so,

te obosuo a ɛgugu asase so.

7 Teneneefoɔ bɛnyini frɔmfrɔm ne berɛ so;

yiedie bɛbu so kɔsi da a ɔsrane nni bio.

8 Ɔbɛdi ɔhene afiri ɛpo akɔsi ɛpo

afiri Asubɔnten Efrata akɔsi asase ano.

9 Ɛserɛ so mmusua bɛkoto nʼanim

na nʼatamfoɔ adi mfuturo.

10 Tarsis ne mpoano ahemfo a wɔwɔ akyirikyiri

de apeatoɔ bɛbrɛ no;

Saba ne Seba ahemfo

de ayɛyɛdeɛ bɛbrɛ no.

11 Ahemfo nyinaa bɛkoto no

amanaman nyinaa bɛsom no.

12 Na ɔbɛgye mmɔborɔfoɔ a wɔsu frɛ no,

ne amanehunufoɔ a wɔnni ɔboafoɔ.

13 Ɔbɛhunu wɔn a wɔayɛ mmrɛ ne ahiafoɔ mmɔbɔ

na wagye ahiafoɔ nkwa.

14 Ɔbɛgye wɔn afiri nhyɛsoɔ ne akakabensɛm mu,

ɛfiri wɔn mogya som bo nʼanim.

15 Ɔhene nkwa so!

Ma wɔmfa sikakɔkɔɔ mfiri Seba mmrɛ no.

Ma nnipa mmɔ mpaeɛ mma no

na wɔnhyira no da mu nyinaa.

16 Aburoo mmu so asase no so nyinaa;

nnuane mmu so nkokoɔ so,

ma nʼaba mmɔ Lebanon;

na ɛnyini mfuo so serɛ.

17 Ne din bɛtena daa;

ɛntena nkyɛre owia.

Wɔbɛfa ne so ahyira amanaman no,

na wɔbɛfrɛ no nhyira.

18 Nhyira nka Awurade Onyankopɔn, Israel Onyankopɔn!

Ɔno nko ara na ɔyɛ anwanwadeɛ.

19 Nhyira nka ne din a animuonyam ahyɛ no ma no daa daa.

Ma nʼanimuonyam nhyɛ ewiase nyinaa ma.

Amen! Amen!

20 Yisai ba Dawid mpaeɛbɔ no awieeɛ nie.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também