Publicidade

Salmos 92

Dwom a wɔto no Homeda.

1 Ɛyɛ sɛ wɔkamfo wo Awurade

na wɔto dwom de hyɛ wo animuonyam, Ao Ɔsorosoroni,

2 na wɔpae mu ka wʼadɔeɛ anɔpa

ne wo nokorɛ anadwo,

3 wɔ ahoma edu sankuo so

ne sankuten nnwom mu.

4 Ao Awurade, wo nneyɛɛ ma mʼani gye;

mede anigyeɛ bɛto dwom, wo nsa ano nnwuma enti.

5 Ao Awurade, wo nnwuma yɛ akɛseɛ,

na wo nyansa mu dɔ!

6 Ogyimifoɔ nnim

na nkwaseafoɔ nte aseɛ,

7 amumuyɛfoɔ bɛnyini sɛ ɛserɛ

na abɔnefoɔ bɛyɛ frɔmfrɔm deɛ,

nanso wɔbɛsɛe wɔn pasaa.

8 Na wo Awurade, woyɛ kɛseɛ afebɔɔ.

9 Ao Awurade ampa ara,

wʼatamfoɔ bɛyera;

na wobɛhwete abɔnefoɔ nyinaa.

10 Woama me ahoɔden te sɛ ɛkoɔ;

woahwie ngohwam papa agu me so.

11 Mahunu mʼatamfoɔ nkoguo a wɔadi,

mate sɛdeɛ mʼatamfoɔ atirimuɔdenfoɔ adwane afiri akono.

12 Ateneneefoɔ bɛyɛ frɔmm te sɛ abedua,

wɔbɛnyini sɛ Lebanon ntweneduro;

13 deɛ wɔadua wɔ Awurade fie,

wɔbɛnyini frɔmfrɔm wɔ yɛn Onyankopɔn adihɔ hɔ.

14 Wɔbɛkɔ so aso aba, onyinkyerɛ mu mpo,

wɔbɛyɛ frɔmm sɛ ahahammono,

15 de akyerɛ sɛ, "Awurade yɛ ɔteneneeni;

ɔyɛ me botan, na atirimuɔdensɛm biara nni ne mu."

Veja também

Publicidade
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-15_21-32-39-