Pular para o conteúdo
Publicidade

Nnwom 83

Asaf Dwom.

1 Ao Onyankopɔn, ntena komm;

mmua wʼano, Ao Onyankopɔn, keka wo ho.

2 Hwɛ sɛdeɛ wʼatamfoɔ keka wɔn ho fa,

na wɔn a wɔmpɛ wʼasɛm nso ama wɔn tiri so.

3 Wɔde anifire repam atia wo nkurɔfoɔ

wɔrepam atia wɔn a wʼakoma da wɔn so no.

4 Wɔka , "Mommra na yɛnsɛe wɔn ɔman,

sɛdeɛ wɔrenkae Israel din bio."

5 Wɔde adwene korɔ ;

na wɔpam tia wo,

6 Edom ntomadan ne Ismaelfoɔ,

Moabfoɔ ne Hagarfoɔ,

7 Gebalfoɔ ne Amonfoɔ ne Amalekfoɔ,

Filistifoɔ ne Tirofoɔ.

8 Asiria mpo akɔka wɔn ho

de wɔn ahoɔden akɔhyɛ Lot asefoɔ deɛ mu kena.

9 wɔn sɛdeɛ woyɛɛ Midian

sɛdeɛ woyɛɛ Sisera ne Yabin asubɔnten Kison ho no,

10 wɔn a wɔsɛee En-Dor

na wɔdanee nwira no.

11 wɔn atitire Oreb ne Seeb,

ne wɔn mmapɔmma nyinaa Seba ne Salmuna,

12 a wɔkaa , "Momma yɛmfa

Onyankopɔn adidibea nsase no."

13 Ao me Onyankopɔn, wɔn twahoframa mu mfuturo,

ntɛtɛ a mframa guo.

14 Sɛdeɛ ogya hye kwaeɛ,

na ogyaframa nkokoɔ mu hye no no,

15 saa ara na fa wʼahum taa wɔn

na fa wo mframa a ano den no hunahuna wɔn.

16 Ma animguaseɛ nka wɔn,

na ama nnipa apɛ wo din akyiri ɛkwan, Ao Awurade.

17 Ma wɔn anim ngu ase na wɔn abasa mu ntu;

ma wɔnwuwu animguaseɛ mu.

18 Ma wɔnhunu wo a wo din de Awurade no,

wo nko ara ne Ɔsorosoroni asase so nyinaa.

Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ wɔnto no gittit sankuo nne so.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também