Publicidade

Salmos 14

Dawid dwom.

1 Ɔkwasea ka wɔ nʼakoma mu sɛ,

"Onyankopɔn bi nni hɔ."

Wɔaporɔ, na wɔn nneyɛɛ yɛ fi

na wɔn mu biara nni hɔ a ɔyɛ ade pa.

2 Awurade firi ɔsoro hwɛ

adasamma

sɛ ɔbɛhunu wɔn mu bi a wɔwɔ nteaseɛ,

anaa ebinom a wɔhwehwɛ Onyankopɔn.

3 Nanso nnipa nyinaa atwe wɔn ho afiri Onyankopɔn ho;

wɔn nyinaa ayɛ bɔne.

Obiara nni hɔ a ɔyɛ papa.

Ɔbaako mpo nni hɔ.

4 Enti nnebɔneyɛfoɔ rensua nyansa anaa?

Wɔwe me nkurɔfoɔ te sɛ deɛ nnipa di aduane.

Wɔnnsu mfrɛ Awurade?

5 Wɔn nie, ehu akyekyere wɔn,

ɛfiri sɛ Onyankopɔn te wɔn a wɔtene mu.

6 Mo nnebɔneyɛfoɔ sɛe ahiafoɔ nhyehyɛeɛ,

nanso, Awurade ne wɔn dwanekɔbea.

7 Ao, ma Israel nkwagyeɛ mfiri Sion mmra!

Awurade bɛsane de ne nkurɔfoɔ agyapadeɛ ama wɔn.

Na Yakob adi ahurisie, na Israel ani agye!

Veja também

Publicidade
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-15_21-32-39-