Publicidade

Salmos 66

Dawid dwom.

1 Asase nyinaa momfa ahosɛpɛ nteam mma Onyankopɔn!

2 Monto ne din animuonyamhyɛ ho dwom;

momma nʼayɛyie nyɛ animuonyamhyɛ!

3 Monse Onyankopɔn sɛ, "Wo nneyɛɛ yɛ nwanwa

wo tumi so

na wʼatamfoɔ nyinaa de suro koto wʼanim.

4 Asase nyinaa koto wo;

wɔto ayɛyi dwom ma wo,

wɔto dwom kamfo wo din."

5 Mommra mmɛhwɛ deɛ Onyankopɔn ayɛ;

anwanwadeɛ a wayɛ wɔ nnipa mu.

6 Ɔmaa ɛpo yɛɛ asase kesee;

wɔnante twaa asuo no.

Mommra na yɛnni ahurisie wɔ ne mu.

7 Ɔde ne tumi di ɔhene daa daa,

na ɔde nʼani nso hwɛ aman so.

Mma atuatefoɔ nsɔre ntia no.

8 Ao aman nyinaa, monhyira yɛn Onyankopɔn,

momma wɔnte mo nkamfo no nnyegyeɛ.

9 Wahwɛ yɛn nkwa so

na wamma yɛn nan anwatiri.

10 Na wo, Ao Onyankopɔn, wosɔɔ yɛn hwɛeɛ;

na wohoaa yɛn ho sɛ dwetɛ.

11 Wode yɛn kɔguu nneduadan mu

na wode nneɛma a ɛyɛ duru too yɛn akyi.

12 Womaa yɛn atamfoɔ twi faa yɛn so;

yɛfaa ogya ne nsuo mu,

nanso wode yɛn baa baabi a nnepa abu so.

13 Mede ɔhyeɛ afɔdeɛ bɛba wʼasɔredan mu

na madi ɛbɔ a mahyɛ wo no so,

14 ɛbɔ a mʼano fafa hyɛeɛ na mʼano kaaeɛ

ɛberɛ a na mewɔ ɔhaw mu no.

15 Mede mmoa a wɔadɔ sradeɛ bɛbɔ afɔdeɛ ama wo

nnwennini ayɛyɛdeɛ;

mede anantwinini ne mpapo bɛbɔ afɔdeɛ.

16 Mommra mmɛtie, mo a mosuro Onyankopɔn nyinaa;

momma menka deɛ wayɛ ama me nkyerɛ mo.

17 Mede mʼano su frɛɛ no;

na me tɛkrɛma yii no ayɛ.

18 Sɛ mede bɔne hyɛɛ mʼakomam a,

anka Awurade antie me.

19 Nanso, nokorɛm, Onyankopɔn atie me,

wate me mpaeɛbɔ.

20 Nhyira nka Onyankopɔn,

a wampo me mpaeɛbɔ

na wanyi nʼadɔeɛ amfiri me so.

Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. Wɔde sankuo na ɛtoeɛ.

Veja também

Publicidade
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-16_18-40-07-