Publicidade

Salmos 40

Dawid dwom.

1 Mede boasetɔ twɛnee Awurade;

na ɔhwɛɛ me, na ɔtee me sufrɛ.

2 Ɔyii me firii amena a emu yɛ toro mu,

firii dɔteɛ ne atɛkyɛ mu;

ɔde me nan sii ɔbotan so

na ɔmaa me baabi pa gyinaeɛ.

3 Ɔde dwom foforɔ hyɛɛ mʼanom,

ayɛyi dwom a yɛde ma yɛn Onyankopɔn.

Bebree bɛhunu na wɔasuro

na wɔde wɔn werɛ ahyɛ Awurade mu.

4 Nhyira ne onipa a

ɔde Awurade yɛ nʼahotɔsoɔ,

deɛ ɔmfa nʼani nto ahomasoɔ so,

ne wɔn a wɔmane di anyame huhuo akyi.

5 Ao Awurade me Onyankopɔn

woayɛ anwanwadeɛ bebree.

Nneɛma a wohyehyɛ maa yɛn no

obiara ntumi nka ne nyinaa nkyerɛ wo;

sɛ meka sɛ mereka ne nyinaa ho asɛm a

ɛbɛdɔɔso dodo.

6 Wompɛ afɔrebɔ ne ayɛyɛdeɛ,

woabue mʼaso ama mahunu;

woampɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne bɔne afɔdeɛ.

7 Na mekaa sɛ "Mewɔ ha,

merebɛyɛ deɛ wopɛ sɛ meyɛ, sɛdeɛ wɔatwerɛ afa me ho wɔ Mmara nwoma no mu no.

8 Ao me Onyankopɔn, mepɛ sɛ meyɛ wʼapɛdeɛ;

mede wo mmara ahyɛ mʼakoma mu."

9 Meka wo tenenee ho asɛm wɔ dwabɔ kɛseɛ ase;

meremmua mʼano,

Ao Awurade, sɛdeɛ wonim no.

10 Meremfa wo tenenee ho asɛm nsie mʼakoma mu;

meka wo nokorɛ ne wo nkwagyeɛ ho asɛm.

Mankata wʼadɔeɛ ne wo nokorɛ so

wɔ dwabɔ kɛseɛ no ase.

11 Ao Awurade, nyi wʼahummɔborɔ mfiri me so;

ma wʼadɔeɛ ne wo nokorɛ mmɔ me ho ban daa.

12 Ɔhaw bebree atwa me ho ahyia;

mʼamumuyɛ abu afa me so enti menhunu adeɛ bio.

Ɛdɔɔso sene me tiri so nwi,

na mʼakoma aboto wɔ me mu.

13 Ao Awurade, ma ɛnsɔ wʼani sɛ wobɛboa me;

Ao Awurade, bra ntɛm bɛboa me.

14 Wɔn a wɔpɛ sɛ wɔkum me no nyinaa,

ma wɔn anim ngu ase na wɔnyɛ basaa;

ma wɔn a wɔpɛ sɛ mesɛeɛ no,

wɔmfa aniwuo nsane wɔn akyi.

15 Wɔn a wɔka "Ɔtwea! Ɔtwea!" kyerɛ me no,

ma wɔn ho nnwiri wɔn wɔ wɔn ankasa animguaseɛ ho.

16 Nanso ma wɔn a wɔhwehwɛ wo nyinaa

ani nnye na wɔnni ahurisie wɔ wo mu;

ma wɔn a wɔdɔ wo nkwagyeɛ no nka daa sɛ,

"Momma Awurade so!"

17 Nanso meyɛ ohiani ne mmɔborɔni;

ma Awurade nnwene me ho.

Wone me ɔboafoɔ ne me gyefoɔ;

Ao me Onyankopɔn, bra ntɛm.

Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ.

Veja também

Publicidade
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-16_18-40-07-