Publicidade

Salmos 141

Dawid dwom.

1 Ao Awurade, mesu mefrɛ wo, bra me nkyɛn ntɛm so.

Sɛ mesu mefrɛ wo a, gye me so.

2 Ma me mpaeɛbɔ mmra wʼanim sɛ aduhwam;

ma me nsa a mapagya nyɛ sɛ anwummerɛ afɔrebɔ.

3 Ao Awurade, ma ɔwɛmfoɔ nwɛn mʼano;

na wɛn mʼano ɛpono.

4 Mma wɔnntwe mʼakoma nkɔ deɛ ɛyɛ bɔne ho,

na ankɔyɛ deɛ amumuyɛfoɔ yɛ no bi;

mma me ne abɔnefoɔ

nni wɔn nnɔkɔnnɔkɔwadeɛ.

5 Ma ɔteneneeni mmɔ me, ɛyɛ ayamyɛ;

ma ɔnka mʼanim, ɛyɛ me tiri so ngo.

Me tiri rempo.

Me mpaeɛbɔ da so tia abɔnefoɔ nneyɛɛ daa.

6 Wɔbɛto wɔn sodifoɔ afiri abotan so abɛhwe fam;

na amumuyɛfoɔ bɛhunu sɛ me nsɛm no yɛ nokorɛ.

7 Wɔbɛka sɛ, "Sɛdeɛ obi funtum na ɔtutu asase no,

saa ara na wɔabɔ yɛn nnompe ahwete ɛda ano."

8 Nanso, Ao Otumfoɔ Awurade, wo so na mʼani da;

wo mu na mehinta. Nnya me mma owuo.

9 Bɔ me ho ban firi mfidie a wɔasunsum me no mu,

mfidie a abɔnefoɔ asunsum no.

10 Ma amumuyɛfoɔ no ankasa atena nyi wɔn,

na menkɔ me baabi asomdwoeɛ mu.

Veja também

Publicidade
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-16_18-40-07-