Publicidade

Salmos 144

Dawid deɛ.

1 Nkamfoɔ nka Awurade, me Botan,

deɛ ɔkyerɛkyerɛ me nsa akodie,

na ɔkyerɛkyerɛ me nsateaa akodie.

2 Ɔyɛ mʼadɔeɛ Onyankopɔn ne mʼaban,

mʼabandenden ne me ɔgyefoɔ,

me kyɛm a mewɔ dwanekɔbea wɔ ne mu;

ɔno na ɔka nnipa hyɛ mʼase.

3 Ao Awurade, hwan ne onipa, a wʼani ku ne ho?

Hwan ne onipa ba, a wodwene ne ho yi?

4 Onipa te sɛ ahomeɛ;

ne nna te sɛ sunsum a ɛretwam.

5 Ao Awurade, firi ɔsoro hɔ na siane bra fam;

fa wo nsa ka mmepɔ, na ɛmfiri wisie.

6 Soma anyinam na bɔ atamfoɔ no hwete;

to wo mmemma no ma wɔn nnwane.

7 Tene wo nsa firi soro bra fam;

gye me na yi me

firi nsuo akɛseɛ ho,

firi ananafoɔ nsam,

8 wɔn a atorɔ ayɛ wɔn anomu ma,

na wɔn nsa nifa yɛ nnaadaa.

9 Ao Onyankopɔn, mɛto dwom foforɔ ama wo;

mɛto dwom wɔ sankuo a nhoma edu gu soɔ so ama wo,

10 ama Ɔbaako a ɔde nkonimdie ma ahemfo,

na ɔgye ne ɔsomfoɔ Dawid firi akofena kɔdiawuo ano.

11 Gye me na yi me firi

ananafoɔ nsam,

wɔn a atorɔ ayɛ wɔn anomu ma

na wɔn nsa nifa yɛ nnaadaa.

12 Afei yɛn mmammarima mmeranteberɛ

bɛyɛ sɛ afifideɛ a wɔahwɛ so yie,

na yɛn mmammaa bɛyɛ sɛ adum

a wɔasene de asiesie ahemfie.

13 Yɛn asan bɛyɛ ma.

Aduane ahodoɔ biara bɛba mu bi.

Yɛn nnwan bɛdɔɔso ayɛ mpem mpem,

ayɛ mpemdu du wɔ yɛn mfuo so;

14 yɛn anantwie bɛtwe nnuane a ɛdɔɔso na emu yɛ duru.

Obiara rentumi nnwiri yɛn afasuo ngu;

yɛrenkɔ nkoasom mu,

na agyaadwotwa remma yɛn mmɔntene so.

15 Nhyira nka nnipa a ɛbɛba mu saa ama wɔn.

Nhyira nka nnipa a wɔn Onyankopɔn ne Awurade.

Veja também

Publicidade
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-15_21-32-39-