Pular para o conteúdo
Publicidade

Nnwom 129

Ɔsoroforɔ dwom.

1 "Wɔahyɛ me so pii firi me mmɔfraase,

ma Israel nka.

2 "Wɔahyɛ me so pii firi me mmɔfraase,

nanso wɔntumi nnii me so nkonim.

3 Fentemfoɔ afentem mʼakyi

ayɛ wɔn nkofie atentene.

4 Nanso Awurade ɔteneneeni;

Watwitwa amumuyɛfoɔ nhoma afiri me ho."

5 Ma wɔn a wɔtan Sion nyinaa

mfa animguaseɛ nsane wɔn akyi.

6 Ma wɔnyɛ ɛserɛ a ɛwɔ ɔdan atifi,

ɛnnyini na ahye;

7 Ɛremma otwafoɔ nya biribi ne nsam,

na deɛ ɔboaboa ano nso renya hwee nʼabasa so.

8 Mma wɔn a wɔtwam nnka ,

"Awurade nhyira mmra mo so;

yɛhyira mo Awurade din mu."

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também