Pular para o conteúdo
Publicidade

Nnwom 70

Dawid adesrɛ dwom.

1 Ao Onyankopɔn, ntɛm gye me nkwa;

Ao Awurade bra ntɛm bɛboa me.

2 Ma wɔn a wɔhwehwɛ me kra no

anim ngu ase na wɔnyɛ basaa;

ma wɔn a wɔhwehwɛ me sɛeɛ no nyinaa

mfa animguaseɛ nsane wɔn akyi.

3 Ma wɔn a wɔka, "Ɔtwea! Ɔtwea!" kyerɛ me no

nsane wɔn akyi ɛsiane wɔn aniwuo enti.

4 Nanso ma wɔn a wɔhwehwɛ wo nyinaa

nsɛpɛ wɔn ho na wɔn ani nnye wo mu;

ma wɔn a wɔdɔ wo nkwagyeɛ no nka da biara ,

"Onyankopɔn kɛseɛ!"

5 Meyɛ ohiani a menni ɔboafoɔ;

Ao Onyankopɔn, bra me nkyɛn ntɛm.

Wo ne me ɔboafoɔ ne me gyefoɔ;

Ao Awurade, ntwentwɛn wo nan ase.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também