Publicidade

Salmos 88

Esrahini Heman ɔhaw ne amanehunu dwom.

1 Ao Awurade, me nkwagyeɛ Onyankopɔn

mesu wɔ wʼanim adekyeeɛ ne adesaeɛ.

2 Ma me mpaeɛbɔ nnuru wʼanim;

brɛ wʼaso ase tie me sufrɛ.

3 Ɔhaw ahyɛ me kra ma

na me nkwa rebɛn owuo.

4 Wɔkan me fra wɔn a wɔrekɔ damena mu;

mete sɛ obi a ɔnni ahoɔden.

5 Wɔayi me asi nkyɛn wɔ awufoɔ mu,

te sɛ atɔfoɔ a wɔdeda ɛda mu,

wɔn a wonkae wɔn bio,

na wonhwɛ wɔn bio.

6 Woato me atwene damena ase tɔnn,

wɔ esum kabii mu.

7 Wʼabofuhyeɛ ayɛ duru wɔ me so;

woama wʼasorɔkye nyinaa abu afa me so.

8 Woafa me nnamfonom a wɔbɛn me afiri me nkyɛn

woama me ho ayɛ wɔn ahi.

Woaka me ahyɛ mu na mentumi nnwane;

9 awerɛhoɔ ama mʼani so ayɛ kusuu.

Ao Awurade mesu frɛ wo da biara;

metrɛ me nsam kyerɛ wo.

10 Woyɛ anwanwadeɛ kyerɛ awufoɔ anaa?

Wɔn a wɔawuwu no sɔre kamfo wo anaa?

11 Wɔka wʼadɔeɛ ho asɛm wɔ ɛda mu anaa,

anaasɛ wo nokorɛ ho asɛm wɔ ɔsɛeɛ kurom?

12 Wɔhunu wʼanwanwadeɛ wɔ beaeɛ a ɛhɔ aduru sum,

anaa wo tenenee nnwuma wɔ awerɛfirie asase so?

13 Nanso Ao Awurade, mesu frɛ wo sɛ boa me;

me mpaeɛbɔ duru wʼanim adekyeeɛ mu

14 Ao Awurade, adɛn nti na wopo me

na wode wʼanim hinta me?

15 Mahunu amane firi me mmɔfraase na mabɛn owuo;

wʼahunahuna ama mabrɛ na mapa aba.

16 Wʼabofuhyeɛ abu afa me so;

wʼahunahuna asɛe me.

17 Daa nyinaa wɔtwa me ho hyia sɛ nsuyire,

na wɔabu afa me so koraa.

18 Woafa mʼayɔnkofoɔ ne mʼadɔfoɔ afiri me nkyɛn kɔ;

na esum ayɛ mʼadamfo brɛboɔ.

Veja também

Publicidade
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-15_21-32-39-