Publicidade

Salmos 138

Dawid deɛ.

1 Ao Awurade, mɛfiri mʼakoma nyinaa mu ayi wo ayɛ;

mɛto wʼayɛyie dwom wɔ anyame no anim.

2 Mede mʼani bɛkyerɛ wʼasɔredan kronkron no, akoto wo

na makamfo wo din

wɔ wʼadɔeɛ ne wo nokorɛdie enti

ɛfiri sɛ wɔapagya wo din ne wʼasɛm no

asene nneɛma nyinaa.

3 Ɛberɛ a mesu mefrɛɛ wo no, wogyee me so;

womaa me nyaa akokoɔduru ne nnamyɛ.

4 Ao Awurade, sɛ ahemfo a ɛwɔ ewiase nyinaa te wʼanomu asɛm a

ma wɔn nkamfo wo.

5 Ma wɔnto Awurade akwan ho nnwom,

na Awurade animuonyam yɛ kɛseɛ.

6 Ɛwom sɛ Awurade wɔ ɔsorosoro deɛ, nanso ɔhwɛ mmɔborɔfoɔ,

na ahantanfoɔ deɛ, ɔhunu wɔn akyirikyiri.

7 Ɛwom sɛ menam ɔhaw mu deɛ,

nanso wobɔ me nkwa ho ban;

wotene wo nsa wɔ mʼatamfoɔ abufuo so,

na wode wo nsa nifa gye me nkwa.

8 Awurade bɛma deɛ wahyehyɛ ama me no aba mu;

Ao Awurade, wʼadɔeɛ wɔ hɔ daa,

nnyaa wo nsa ano adwuma hɔ.

Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ.

Veja também

Publicidade
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-15_21-32-39-