Publicidade

Salmos 49

Kora mma dwom.

1 Nnipa nyinaa, montie;

monyɛ aso, mo a mowɔ ewiase yi mu nyinaa,

2 deɛ ɔyɛ abomfiaa ne deɛ ɔdi mu,

adefoɔ ne ahiafoɔ nyinaa.

3 Mʼano bɛka anyansasɛm;

nsɛm a ɛfiri mʼakomam bɛma nhunumu.

4 Mɛbrɛ mʼaso ase atie abɛbusɛm;

na menam sankubɔ so bɛte aseɛ ama makyerɛ abɛbusɛm no ase.

5 Adɛn enti na ɛsɛ sɛ mesuro nna bɔne,

ɛberɛ a amumuyɛfoɔ adaadaafoɔ atwa me ho ahyia,

6 wɔn a wɔde wɔn ho to wɔn ahonya soɔ

na wɔde wɔn adedodoɔ hoahoa wɔn ho?

7 Onipa biara rentumi nnye nʼankasa nkwa

na ɔrentumi mfa mpata biara mma Onyankopɔn.

8 Nkwa ho mpata boɔ yɛ den,

sika biara rentumi ntɔ,

9 sɛ ɛbɛma no atena ase afebɔɔ

a ɔrenhunu porɔeɛ.

10 Obiara nim pefee sɛ anyansafoɔ wu;

saa ara na nkwaseafoɔ ne agyimifoɔ nso wuo

na wɔgya wɔn ahonya hɔ ma afoforɔ.

11 Wɔn adamena bɛyɛ wɔn afie afebɔɔ.

Ɛhɔ na wɔbɛtena awoɔ ntoatoasoɔ kɔsi ɛberɛ a ɛnni awieeɛ mu,

wɔn din a wɔde totoo nsase so nyinaa akyi.

12 Na onipa ahonya nyinaa akyi no, ɔrentena hɔ daa;

ɔte sɛ mmoa a wɔwuo no ara.

13 Yei ne deɛ ɛda hɔ ma wɔn a wɔgye wɔn ho die,

ne wɔn akyidifoɔ a wɔfoa wɔn nsɛm soɔ.

14 Wɔte sɛ nnwan na wɔbɛkɔ damena mu,

na owuo de wɔn bɛyɛ nʼaduane.

Teneneefoɔ bɛdi wɔn so anɔpa;

wɔn onipadua bɛporɔ wɔ damena mu,

na wɔne wɔn adan akɛseɛ no ntam kwan bɛware.

15 Nanso, Onyankopɔn de ne tumi bɛgye me afiri damena mu;

ampa ara, ɔde me bɛkɔ ne nkyɛn.

16 Sɛ onipa nya ne ho a, mma ɛnha wo;

na sɛ ne fie anigyeɛ yɛ bebree a, mma no nha wo;

17 ɛfiri sɛ, sɛ ɔwu a, ɔremfa hwee nkɔ,

nʼanimuonyam ne no renkɔ amena mu.

18 Mpo ɔte ase no, ɔfaa no sɛ wɔahyira no,

ɛfiri sɛ wɔkamfo nnipa ɛberɛ a wɔdi yie,

19 nanso ɔbɛkɔ akɔka nʼagyanom ho,

wɔn a wɔrenhunu nkwa hann ara da no.

20 Onipa a ɔwɔ ahonya na ɔnni nhunumu no,

ɔte sɛ aboa a ɔwuo.

Veja também

Publicidade
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-16_18-40-07-