Publicidade

Salmos 28

Dawid dwom.

1 Wo na mesu mefrɛ wo,

Ao Awurade me Botan;

nsi wʼaso wɔ me enti.

Sɛ woyɛ komm a,

mɛyɛ sɛ wɔn a wɔasiane kɔ amena mu no.

2 Tie me mmɔborɔ su

ɛberɛ a mefrɛ wo pɛ mmoa

ɛberɛ a mema me nsa so

kyerɛ wo Tenabea Kronkron hɔ.

3 Mfa me mfra amumuyɛfoɔ mu ntwe me nkɔ

wɔn a wɔyɛ bɔne no.

Wɔne wɔn yɔnkonom kasa fɛfɛ

nanso wɔde ɔtan sie wɔn akoma mu.

4 Twe wɔn aso wɔ deɛ wɔayɛ no so;

wɔn adwuma bɔne no so;

tua deɛ wɔde wɔn nsa ayɛ so ka

na fa deɛ ɛfata wɔn sane bra wɔn so.

5 Sɛ wɔmmu deɛ Awurade ayɛ

ne deɛ ɔde ne nsa ayɛ no enti,

ɔbɛbrɛ wɔn ase

na ɔremma wɔnnsɔre bio.

6 Ayɛyie nka Awurade,

ɛfiri sɛ watie me mmɔborɔ su.

7 Awurade ne mʼahoɔden ne mʼakokyɛm;

mʼakoma wɔ ne mu ahotosoɔ, na ɔboa me.

Mʼakoma di ahurisie

na mede dwomtoɔ bɛda no ase.

8 Awurade yɛ ahoɔden ma ne nkurɔfoɔ;

ne nkwagyeɛ nsraban ma deɛ wɔasra no ngo.

9 Gye wo nkurɔfoɔ na hyira wʼagyapadeɛ;

yɛ wɔn hwefoɔ, na wo ne wɔn nnante afebɔɔ.

Veja também

Publicidade
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-16_18-40-07-