Pular para o conteúdo
Publicidade

Nnwom 53

Dawid dwom.

1 Ɔkwasea ka nʼakoma mu ,

"Onyankopɔn bi nni ."

Wɔaporɔ, na wɔn akwan animguaseɛ.

Baako koraa nni a ɔyɛ ade pa.

2 Onyankopɔn firi soro hwɛ adasamma fam

ɔbɛhunu wɔn mu bi a

wɔwɔ nteaseɛ,

anaa ebinom a wɔhwehwɛ Onyankopɔn.

3 Obiara amane;

wɔn nyinaa ayɛ bɔne;

wɔn mu bi nni a ɔyɛ papa;

ɔbaako mpo nni .

4 Enti abɔnefoɔ rensua nyansa anaa?

Wɔwe me nkurɔfoɔ sɛdeɛ nnipa di aduane.

Wɔnnsu mfrɛ Onyankopɔn.

5 Wɔn na wɔwɔ a wɔabɔ huboa!

Wɔn ho popo beaeɛ a ehu nni .

Onyankopɔn bɛhwete wʼatamfoɔ no nnompe agu;

wobɛgu wɔn anim ase, ɛfiri Onyankopɔn abu wɔn animtiaa.

6 Ao, ma Israel nkwagyeɛ mfiri Sion mmra!

Onyankopɔn bɛsane de ne nkurɔfoɔ agyapadeɛ ama wɔn.

Na Yakob adi ahurisie, na Israel ani agye!

Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. Wɔbɔ no sankuo so.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também