Publicidade

Salmos 134

Ɔsoroforɔ dwom.

1 Awurade asomfoɔ nyinaa, monkamfo Awurade,

mo a mosom wɔ Awurade fie anadwo nyinaa.

2 Momma mo nsa so wɔ kronkronbea hɔ

na monkamfo Awurade.

3 Awurade a ɔbɔɔ soro ne asase no,

mfiri Sion nhyira mo.

Veja também

Publicidade
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-15_21-32-39-