Pular para o conteúdo
Publicidade

Nnwom 82

Asaf dwom.

1 Onyankopɔn di ɔhene wɔ ɔsoro asafo mu;

ɔbu atɛn wɔ "anyame" mu.

2 "Wobɛbɔ wɔn a wɔnteneɛ ho ban

na woayɛ animhwɛ ama amumuyɛfoɔ akɔsi da bɛn?

3 Monka mmɔborɔfoɔ ne nwisiaa asɛm mma wɔn;

mommɔ ahiafoɔ ne wɔn a wɔhyɛ wɔn so yiedie ho ban.

4 Monnye ɔbrɛfoɔ ne ohiani;

monnye wɔn mfiri amumuyɛfoɔ nsam.

5 "Wɔnnim hwee, na wɔnte hwee ase.

Wɔkyinkyini wɔ esum mu;

na asase fapem nyinaa woso.

6 "Mekaa sɛ, ‘Moyɛ "anyame";

mo nyinaa yɛ Ɔsorosoroni no mma.’

7 Nanso, mobɛwuwu sɛ nnipa pɛ;

na moahwe ase sɛ sodifoɔ biara."

8 Ao Onyankopɔn, sɔre na bɛbu ewiase atɛn;

ɛfiri sɛ amanaman nyinaa yɛ wo dea.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.