Publicidade

Salmos 20

Dawid dwom.

1 Awurade ntie wo wɔ wʼahohia mu;

Yakob Onyankopɔn din mmɔ wo ho ban.

2 Ɔmfa mmoa mfiri kronkronbea hɔ mmrɛ wo

na ɔmfiri Sion mmɛhyɛ wo den.

3 Ɔnkae wʼafɔrebɔ nyinaa

na ɔmma wo hyeɛ afɔdeɛ nsɔ nʼani.

4 Ɔmma wo deɛ wʼakoma pɛ,

na wo nhyehyɛeɛ nyinaa nyɛ yie.

5 Yɛbɛbɔ ose ɛberɛ a woadi nkonim

na yɛama yɛn frankaa so wɔ yɛn Onyankopɔn din mu.

Awurade nyɛ wʼabisadeɛ nyinaa mma wo.

6 Afei mahunu sɛ Awurade gye deɛ wasra no no nkwa;

ɔgye no so wɔ ne soro kronkron hɔ

ɔde tumi a ɛfiri ne nsa nifa mu no ma no nkwagyeɛ.

7 Ebinom de wɔn ho to wɔn nteaseɛnam so

na afoforɔ nso, wɔn apɔnkɔ so,

nanso yɛn deɛ, yɛde yɛn ho to Awurade yɛn Onyankopɔn din so.

8 Saa nkurɔfoɔ no, wɔbrɛ wɔn ase ma wɔhwehwe ase,

na yɛn deɛ, yɛsɔre gyina pintinn.

9 Ao Awurade gye ɔhene nkwa!

Na sɛ yɛfrɛ nso a, gye yɛn so.

Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ.

Veja também

Publicidade
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-15_21-32-39-