Pular para o conteúdo
Publicidade

Nnwom 60

Dawid "Miktam" dwom. Wɔde nkyerɛkyerɛ. Ɔtoo no ɛberɛ a ɔne Aram Naharanfoɔ ne Aram Sabafoɔ koeɛ na Yoab sane kɔkumm Edomfoɔ mpem dumienu Nkyene Bɔnhwa mu no.

1 Ao Onyankopɔn, woapo yɛn, woabɔ yɛagu;

wo bo afu yɛn, nanso gye yɛn bio!

2 Woawoso asase no na woapae mu;

toatoa deɛ abubuo no, ɛfiri , ɛrehinhim.

3 Woama wo nkurɔfoɔ ahunu mmerɛ bɔne;

woama yɛn nsã a ɛma yɛtɔ ntentan.

4 Nanso wɔn a wɔsuro wo deɛ, woama wɔn frankaa so

wɔntu ntia kuntun no.

5 Gye yɛn nkwa na fa wo nsa nifa boa yɛn,

na ama wɔn a wodɔ wɔn no anya nkwa.

6 Onyankopɔn akasa firi kronkronbea ,

"Nkonim mu, mɛkyɛ Sekem mu,

na masusu Sukot bɔnhwa no.

7 Gilead me, Manase me;

Efraim me dadeɛ kyɛ,

ɛna Yuda mʼahempoma.

8 Moab me dwaresɛn,

Edom so na meto me mpaboa guo;

na meteam nkonimdie so gu Filistifoɔ so."

9 Hwan na ɔde me bɛkɔ kuropɔn a wɔabɔ ho ban no mu?

Hwan na ɔbɛdi mʼanim akɔ Edom?

10 Ɛnyɛ wo, Ao Onyankopɔn, wo a woapo yɛn

na wone yɛn akodɔm ankɔ sa bio no?

11 Boa yɛn tia ɔtamfoɔ no,

na ɔdasani mmoa nka hwee.

12 Onyankopɔn yɛn afa yi, yɛbɛdi nkonim,

na ɔbɛtiatia yɛn atamfoɔ so.

Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. Wɔde sankuo na ɛtoɔ.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também