Pular para o conteúdo
Publicidade

Nnwom 87

Kora mma dwom.

1 Awurade ato ne fapem wɔ bepɔ kronkron no so;

2 Awurade dɔ Sion apono no

sene Yakob atenaeɛ nyinaa.

3 Wɔka wo ho animuonyamsɛm

Ao Onyankopɔn kuropɔn:

4 "Mede Rahab ne Babilonia

bɛka wɔn a wɔyɛ ɔsetie ma me no ho,

Filistia, Tiro ne Kus nso

mɛka sɛ, ‘Wɔwoo yeinom wɔ Sion.’ "

5 Ampa ara wɔbɛka wɔ Sion ho sɛ,

"Wɔwoo yei ne ɔno wɔ ne mu,

na Ɔsorosoroni no ankasa de no bɛtim hɔ."

6 Awurade bɛtwerɛ wɔ nnipa dintwerɛ nwoma no mu sɛ,

"Wɔwoo yei wɔ Sion."

7 Na wɔbɛto dwom sɛ,

"Me nhini nyinaa wɔ wo mu."

Kora mma dwom a wɔde ma dwomkyerɛfoɔ sɛ wɔnto no "Mahalat Leannot" sankuo so.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.