Publicidade

Salmos 122

Ɔsoroforɔ dwom. Dawid deɛ.

1 Ɛberɛ a wɔsee me sɛ,

"Ma yɛnkɔ Awurade fie" no, mʼani gyeeɛ.

2 Yɛgyinagyina wʼapono ano,

Ao Yerusalem.

3 Wɔakyekyere Yerusalem yie sɛ kuropɔn.

Wɔahyehyɛ mu nneɛma fɛfɛ.

4 Ɛhɔ na mmusuakuo no korɔ,

Awurade mmusuakuo no.

Wɔkɔkamfo Awurade din

sɛdeɛ nhyehyɛeɛ a wɔde ama Israel no teɛ.

5 Ɛhɔ na atemmuo nhennwa no sisi,

Dawid fie nhennwa no.

6 Monsrɛ asomdwoeɛ mma Yerusalem sɛ,

"Ma wɔn a wɔdɔ wo no nnya banbɔ.

7 Ma asomdwoeɛ mmra wʼafasuo mu

na banbɔ mmra wʼabankɛsewa mu."

8 Me nuanom ne me nnamfonom enti,

meka sɛ, "Asomdwoeɛ ntena wo mu."

9 Awurade yɛn Onyankopɔn fie enti,

mɛhwehwɛ wo nkɔsoɔ.

Veja também

Publicidade
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-15_21-32-39-